ASANTE TWI 1
OBJECTIVE TEST
1. Edin bɛn na wƆde ma obi a si owuofoɔ anam mu hƆn n’agyapadeɛ soɔ?
A. Abusuaapanin
B. Anammusini
C. Odiadefoɔ
D. ƆhweƆsofoɔ
2. Deɛn na ɛfata sɛ wƆhwɛ wo obi ho de ware no?
A. Ahofɛ
B. Nhomanim
C. Sika
D. Suban
3. Obi hwɛ ɔman sika so a, na ɔyɛ hwan?
A. Sanaahene
B. Sikahene
C. Sikakorafoɔ
D. Ɔhemaa
4. Nnipa yi mu hwan na Ɔka mpanimfoɔ ho si ahene.
A. Aberewatia
B. Nananom
C. Nana aberewatia
D. Ɔhemmaa
5. Edin bɛn na wƆde ma obi a ɔkunkum mmoa akɛseɛ wɔ nwuram?
A. Nakwaseni
B. Ɔbofoɔ
C. Ahamuni
D. Ofidusumfoɔ
6. Afahyɛ bɛn na Asantefoɔ taa diɛ?
A. Aboakyere
B. Ahobaa
C. Akwasidaeɛ
D. Ɔhum
7. Obi yɛ wo papa yere a, na ɔyɛ wo deɛn?
A. WƆfasewaa
B. Ɛna
C. Nana
D. Sewaa
8. Hwan ne ɔbarima bi akonta?
A. Onua barima yere
B. Onua baa Akumaa
C. Onuabaa ase
D. Onuabaa kunu
9. Amanneɛ bɛn na wɔyɛ de pagya abaawea kƆ ne mpanimfiɛ mu?
A. WƆde no tena mpanimfiɛ
B. WƆgoro no bra
C. WƆkyerɛ no mpanimsem
D. WƆde no ma awareɛ
10. Amaneɛ a wɔyɛ de ma abaawea a wƆgoro no bra no bi ne deɛn?
A. Anoka
B. Asoba
C. Hyiragu
D. Nnwontoɔ
11. Asem bɛn na wɔka de kyea akwantuni a waduru fie?
A. Akwabaa
B. Okwan so brɛbrɛ
C. WƆaba a tena ase
D. YeahiƆhyia
12. Ɛbɛ abofra bƆ nwa na ɔmmƆ akyekyedeɛ kyɛre sɛn?
A. Akyekyedeɛ bƆ yɛ den
B. Ɛnni sɛ abofra sƐɛ nwa
C. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ adeɛ a Ɔbetumi
D. Nwa bƆɔ nye den
13. Dwuma bɛn na mme tumi di wɔ akasamu?
A. Ɛda akasa adi
B. Ɛkyerɛ akasa pa
C. Ɛma akasa tenten ye tia
D. Ɛns akasa yɛ de
14. Obi ka sɛ dua bata ɛboɔ ho a ne twa yɛ twana a na ɔreyɛ deɛn?
A. Ɔrebu bɛ
B. Ɔreka aborɔma
C. Ɔreka mpanin kasa
D. Ɔrekamfo tiri
15. Kwame mmrane ne deɛn?
A. Atoapoma
B. Babone
C. Bodua
D. Akoto
16. Abodin bɛn na wƆtumi de bƆ ɔhene a ɔyɛ ɔnokwafoɔ?
A. Daaesebre
B. Kasapreko
C. Ɔsagyefoɔ
D. Ɔseadeɛyɔ
17. Sɛ wɔrebƆ ɔhene bi nsamrane a nsamrane a wɔreyɛ no deɛn?
A. Ɔwhia no
B. Wɔhoran no
C. Wɔgye n’ani
D. Wɔkorɔkɔro no
18. Akan man mu hwan na ɔtumi ware ntaafɔ?
A. Osikani
B. Ɔdehyɛe
C. Ɔhene
D. Ɔbusuani
19. Sika a, sɛ ɔbarima bi rebɛware ɔbaa a, papa no gye no wƆfrɛ no …………
A. KƆkƆɔkƆɔ
B. Bomo
C. Tire nsa
D. Akonta sekan
20. Sɛ ɔbarima wu na wƆ sa ɔsan ware fie de ……………
A. Asiwa
B. Ayɛtɛ
C. Mpena
D. Awarepa
21. Sɛ wƆyɛ ɔbaa ho adeɛ wie a, aduane a odi kan noa no na wƆfrɛ no………
A. Nkununane
B. Aduane keseɛ
C. Aduanepa
D. Nkunukyiri
22. Aware bɛn na sɛ ɔbarima no wu a, ɔbaa no yɛ kuna?
A. Aware pa
B. Mfena awareɛ
C. Asiwa awareɛ
D. Mpena awareɛ
23. Ɔhene biara ɔbtetena apakan mu no gyɛ…………
A. Ɔkra
B. NkosƆnhene
C. Nseneahene
D. ƆberempƆn
24. Asanteman afahyɛ keseɛ ne deɛ ɔwƆ hɛn?
A. NkyidwƆ
B. Awukudɛɛ
C. Fɔdwɔɔ
D. Adɛs Kɛseɛ
25. Afahyɛ bɛn na wƆdi no wƆ simpa?
A. Akwambo
B. Kundum
C. Aboakyere
D. Fetu
26. Afarefoɔ de saa nneema yi yɛ adwuma?
A. Ɔkɔdoo, etuo, asau
B. Ɔkɔdoo, asau, darewa
C. Darewa, atuduro, asau
D. Etuo, asau, atududuru
27. Bosome bɛn na ɛdi ɛbo akyi?
A. Ahinime
B. Kutawonsa
C. Ɔpɛpɔn
D. Ɔhenem
28. Ɛnam hwan so na ɛmaa onyakopɔn kƆɔ soro?
A. Maame bi
B. Papa bi
C. Aberewa bi
D. Ɔbarima bi
29. Sɛ ɔhene yɛ deɛ edidi soɔ yi mu baako, ɔtumi gyina so tu no ………………
A. Sɛ didi wɔ abƆtɛnɛ
B. Sɛ wobɛyɛ ataadeɛ apue
C. Sɛ wobɛbɔ tikwa
D. Sɛ wɔbidi nkɔmmƆ wɔ abƆtɛnɛ
30. Ɔdi Apoɔ afahyɛ wɔ mantam bɛn mu?
A. Apuɛɛ mantam mu
B. Asante mantam mu
C. Bono Ahafo mantam mu
D. Atoyɛ mantam mu
31. Edin foforɔ a Akanfoɔ de frɛ Akwasidaeɛ ne deɛn?
A. Kurikwasie
B. Nkyikwasie
C. Kwakwasie
D. Monokwasie
32. Akanfoɔ frɛ beaɛ a ɔkuani bƆ ne kƆkƆɔ, besea ɔburɔ sɛ?
A. Kookoo ase
B. Ahayeeɛ
C. Awareseɛ
D. Awɛreyareɛ
33. Sɛ abɔfoɔ kƆ ahyƆ a, edɛn na ɔyɛ a sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛreara?
A. Ɔbotobotoa nnua ho
B. Ɔgu ahahan
C. Ɔde akaagu kƆgu kwan no so
D. Ɔde nson gu kwan no so
34. Akanfoɔ nyɛ……….. Ntom koraa
A. Afena aware
B. Aware pa
C. Mpena awareɛ
D. Kuna Awareɛ
35. Hwan na yɛ amanee a etwatoo wɔ awaregyadeɛ mu?
A. Akumaa
B. Asew
C. Akonta
D. Akonta
36. ……………. Yɛ kwan a ɔberima ne ɔbaa bi a wƆmfiri abusa baako mu nam amammerɛ
kwan so ka wƆn ho bom sɛ ɔkunu ne ɔyere.
A. Awaregyɛ
B. Bragoro
C. Awareseɛ
D. Awɛreyareɛ
37. Sɛ yarebone bi wɔ obi abusua mu a,
A. Wonku mu awareɛ
B. WƆgu abusua
C. WƆsra obi wɔ ho
D. Ɛde anigye ba abusua mu
38. Sɛ ɔbaa bi nyiniiɛ a, na sɛ ɔbarima bi de n’ano to so ne sɛ onyina a wobɛware no a, Ɛfrɛ
no?
A. Awowa wareɛ
B. Ayɛtɛ wareɛ
C. Asiwa wareɛ
D. Awarepa
39. Deɛ edidi soɔ yi mu deɛ ɔwƆ hɛn na ɔbaa tumi gyina so gyae ne kunu? Sɛ ɔbarima no
A. Boro ne yere pii
B. Mpe nsa
C. Pɛ adwuma den
D. Hwe ne yere yiye
40. Nnipa a wɔdi soɔ yi mu deɛ wƆwɔ hɛn na wƆdware bom?
A. ApemfƆ
B. Awarefoɔ
C. Ntaafɔ
D. AsugyafƆɔ