ADANSI UNIVERSITY
COURSE TITLE: WRITTEN LIT. OF A GHANIAN LANGUAGE (TWI)
NAME OF TUTOR: MRS. MARY ANDOH
GROUP NAME: GROUP ONE (1)
NAME INDEX NUMBER
KUSI ENOCK 4652322
TAMEA GYAN LINDA 4666622
ASARE MICHAEL 4640222
OPOKU SANDRA 4658622
DANKWA ADJEI KWASI 4645422
OSEI MECHELLE 4659722
FORKUOH PRISCILLA 4647122
FRIMPONG FAUSTINA DANKWAH 4648022
AMPONG FLORENCE 4636622
DWOMOH BOADUAA LUCKYLINDA 4646422
ASAASE YAA
Asaase Yaa, Asaase Yaa, Asaase Yaa,
wo ne awotwaa a yen werɛ mfi da
Wo homee foo,
kura nsɛm a ano yɛ hye sen ogya.
W’ahyɛ mmepɔ te sɛ abotiri,
na wode ɔpo ayɛ nnuraho,
asaase pɛsɛɛ te sɛ akuro a wonya frii akodie ahodoɔ mu a
onipa biara anhu.
Wonkasa,
nanso aprannaa ne wo nne.
Wonhinhim,
nanso asɔkye biara a ɛwɔ ɔpo mu no sa sɛnea w’akoma bɔ.
Asaase Yaa, Asaase Yaa, Asaase Yaa,
wokae yɛn sɛ:
Abofra a w’ama ɔmaame nna no,
bɛtua mpa ne ho da.
Wo kwaeɛ te sɛ asɔredan akɛseakɛseɛ a ahosuo yɛ bibrie,
w’asaase, tumm te sɛ nyansa a ɛmu dɔ sɛ nkaeɛ.
Wode nsa a wɔabue mu na ɛma,
nanso wo fa a, obi ntumi ne wo mpre ho
Wo pae, wo bobɔ mu nso.
W’abufuo nkotoo na ɛtumi ma egya di nsuo so.
Wonyɛ asase kɛkɛ, wo ne ateasefo nsiakyibaa,
wɔn a yɛn werɛ afi wɔn no amusieɛ
Mpanin se: sɛ ɔkɔmfo bɔne se kuro mmɔ a, ɔte mu bi.
Yɛde wusie hyɛ wo akomfo,
fa wo mfempadeɛ sɛ sika kɔkɔɔ,
hwie wo nisuo gu nsuhina mu,
na yɛ ka sɛ, ɛyɛ adwuma ara kwa.
Nanso wo deɛ, woyɛ boasetɔ ankasa.
Wotwɛn te sɛ gyatabruwaa a ɔte serɛ so.
Te sɛ anwummere a ɛretwɛn sɛ ɔbɛmene owia no.
Asaase Yaa, Asaase Yaa, Asaase Yaa,
Hwan kraa mpo na ɔtesɛ wo?
wo kommyɛ no nyɛ ahofadie .
Wo kommyɛ no nyɛ mmerɛyɛ.
Wohu kosua a ɛbenyin abɛyɛ akokɔ, da a ɔbɛto no ara.
Wo werɛ mfi
wo ne ɛna a odi kan,
ɔtemmufo a otwa toɔ.
ANWENSƐM NO HO MPENSENPENSEMU
Asem Titire:
1. Asaase Yaa.
2. Deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔtwa.
3. Asaase wɔ hɔ fri tete.
Nhyehyɛyɛ:
1. Anwensɛm “ Asaase Yaa” gu akuakuo nnum.
2. Ɛkuo biara wɔ nsensanyɛ nnwɔtwenwɔtwe.
3. Nsensanyɛ no bi yɛ atenten nae bi nso yɛ ntiantia
4. Ɛkuo a ɛdikan, deɛ ɛtɔso mmienu ne nnum no nyinaa ti asem titire “Asaase Yaa” mu
Kasasuo Ahodoɔ A Yɛ De Dii Dwuma
1. Sɛ-nnipa: “wo ne awotwaa a yen werɛ mfi da”, “Wo homee foo”, “wo ne ɛna a odi kan,”,
“ɔtemmufo a otwa toɔ.”
2. Ampɛ muayɛ asɛmmisa: “Hwan kraa mpo na ɔtesɛ wo?”
3. Nnyinahɔma: “woyɛ boasetɔ ankasa”
4. Nnyegyeɛ-sɛ-adwene: ”foo”
5. Ntimu: “Asaase Yaa, Asaase Yaa, Asaase Yaa, ”
6. Kasa twa mfoni: “Wo kwaeɛ te sɛ asɔredan akɛseakɛseɛ a ahosuo yɛ bibrie,”, “w’asaase, tumm
te sɛ nyansa a ɛmu dɔ sɛ nkaeɛ”.
7. Ɛbɛ: “Mpanin se: sɛ ɔkɔmfo bɔne se kuro mmɔ a, ɔte mu bi.”, “wokae yɛn sɛ: Abofra a w’ama
ɔmaame nna no, bɛtua mpa ne ho da.”
Atwerɛfoɔ no tebia a wɔn wɔ mu
1. Atwerɛfoɔ no wɔ anibreɛ ne awerɛhɔ mu:“Yɛde wusie hyɛ wo akomfo”, “fa wo mfempadeɛ sɛ
sika kɔkɔɔ,”, “hwie wo nisuo gu nsuhina mu, na yɛ ka sɛ, ɛyɛ adwuma ara kwa.”
2. Atwerɛfoɔ no wɔ anisɔ mu: “Wode nsa a wɔabue mu na ɛma”.